John 3

Yesu ne Nikodemo

1Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no, 2kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” 3Yesu buaa no se, “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

4Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, betumi akɔ me na yam ama wɔawo me bio?”

5Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo, sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. 6Nea wofi onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na nea wofi Honhom mu awo no no, yɛ honhom. 7Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ maka se, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo! 8Sɛnea wote mframa nka nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.”

9Nikodemo bisaa no se, “Eyi ase ne dɛn? Mente ase.” 10Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu Israel na wonte eyi ase? 11Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni. 12Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mubegye adi? 13Obiara nkɔɔ soro da gye me Onipa Ba no a mifi soro bae no.

14“Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so, 15na obiara a ogye me di no, obenya nkwa a enni awiei. 16Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera na wanya nkwa a enni awiei. 17Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no sɛ, ommegye wiase nkwa.

18“Obiara a ogye Ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ, wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. 19Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ, wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne. 20Ɔdebɔneyɛfo biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ, osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi. 21Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.”

Yohane di Yesu ho adanse

22Eyi akyi, Yesu ne nʼasuafo no fi Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase.

25Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. 26Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”

27Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte sɛɛ gye sɛ Onyame ka ne ho. 28Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’ 29Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no. 30Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa. 31Nea ofi soro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate nanso, obiara nnye no nni. 33Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. 34Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no, rennya nkwa a ɛnsa da na mmom Onyankopɔn asotwe da ne so.”

Copyright information for TwiNAK